Psalms 45

Ɔdehye Ayeforohyia Dwom

1Nsɛm a ɛyɛ dɛ hyɛ mʼadwene ma bere a merehyehyɛ saa dwom yi ama ɔhene no.
Ɛte sɛ ɔkyerɛwfo pa kyerɛwdua, anwensɛm ayɛ pɛ me tɛkrɛma so.
2Wʼahoɔfɛ twa mmarima nyinaa mu.
Wo kasa yɛ dɛ.
Onyankopɔn ahyira wo daa.
3Fa wo nkrante, ɔhene kɛse; wʼanim yɛ nyam na woyɛ otumfoɔ.
4Kɔ wʼanim tumi ne nkonimdi so fa bɔ nokware ne papa ho ban.
Wʼahoɔden bɛma woadi nkonim akɛse!
5Wo bɛmma ano yɛ nnam; ɛwowɔ wʼatamfo koma mu; aman hwe ase wɔ wo nan ase.
6Ahemman a Onyankopɔn de ama wo no bɛtena hɔ daa daa.
Wode nokware di wo nkurɔfo so;
7wodɔ ade trenee na wukyi ade bɔne.
Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn ayi wo de ahotɔ ahyira wo asen ɔhene biara no.
8Kurobow ne pɛperɛ hua wɔ wo ntade mu.
Nnwomhyehyɛfo gye wʼani wɔ ahemfi a wɔde asonse asiesie hɔ no mu.
9Ahemfo mmabea na wɔka mmea a wɔwɔ wo fi ho, na wʼahengua nifa so na ɔhemmea gyina a ɔhyɛ sikakɔkɔɔ a ɛyɛ fɛ yiye agude.
10Ɔhene yere ayeforo, tie asɛm a meka; ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wʼabusuafo.
11Wʼahoɔfɛ bɛma ɔhene adɔ wo; ɔno ne wo wura, enti ɛsɛ sɛ wutie no.
12Nnipa a wofi Tiro bɛbrɛ wo akyɛde.
Adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.
13Ɔhene babea no wɔ ahemfi hɔ.
Ne ho yɛ fɛ papa bi.
Wɔde sikakɔkɔɔ asaawa na ɛpam nʼatade.
14Ɔhyɛ nʼatade pa yi na wɔde no kɔmaa ɔhene a nʼayeforo mmaawa di nʼakyi a, wɔde wɔn nyinaa kɔmaa ɔhene no.
15Wɔde ahosɛpɛw ne anigye na ɛkɔɔ ɔhene no ahemfi hɔ.
16Wo, me hene, wobɛwo mma bebree a wobedi wɔn nenanom ade sɛ ahemfo, na wobɛyɛ wɔn adedifo wɔ asase so nyinaa.
17Me dwom yi bɛma din a woagye no atena hɔ daa daa, na obiara bɛkamfo wo nna a ɛreba no nyinaa mu.
Copyright information for TwiNAK